Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:19 - Apam Foforɔ

19 Na ɔkɔɔ animu kakra he, ohuu Sebedeo ba Yakubu ne ne nua Yohane, na bɛ te bɛ kodoɔ mu a bɛɛkora bɛ asau.

Gade chapit la Kopi




Marko 1:19
11 Referans Kwoze  

Ɔmaa bɛde sekane kuu Yohane nua Yakobo.


Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.


Ɔfaa Petro ne Yakubu ne Yohane kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ teeteeɛ na odii awerɛhoɔ.


Yakubu ne Yohane, Sebedeo mma he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ nea yebebisa wo biaa woyɔ ma yɛ.”


Nna nsia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na odii bɛ anim foro kɔɔ bepɔ tentene bi so baabi a biaa nni. Na ɔsakraeɛ bɛ anim,


Wamma biaa anni n’akyi gye Petro, Yakubu ne Yohane, Yakubu nua he.


Sebedeo ba Yakubu ɔne Yohane a ɔyɛ Yakubu nua (bɛ ne ɔmaa bɛ dini Bo-anerges, asekyerɛ ne Apranaa mma);


Na ofirii hɔ he, ohuu anuanom mmienu bi, Yakobo, Sebedeo ba ne ne nua Yohane, sɛ bɛ ne bɛ papa Sebedeo te kodoɔ mu a beesiesie bɛ asau, na ɔfrɛɛ bɛ.


Na amonom hɔaa begyaa bɛ asau hɔ dii n’akyi.


Amonom hɔaa, ɔfrɛɛ bɛ, na begyaa bɛ papa Sebedeo ne apaafoɔ he ne kodoɔ he hɔ bedii n’akyi.


Na Simon Petro, Toma a bɛfrɛ no Ata, Natanael a ofiri Kana a ɔya Galilea, Sebedeo mma mmeema he ne asuafoɔ he mu mmienu nso ya hɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite