Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 8:44 - Apam Foforɔ

44 kɔfaa Yesu n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano, na amonom hɔaa mogyaa he twaeɛ.

Gade chapit la Kopi




Luka 8:44
15 Referans Kwoze  

Na yei nti bɛde duku ne ntaadeɛ nsɛnanimu mpo ka ne honam na bɛde kogu ayarefoɔ so a bɛ yadeɛ he gyaeɛ, na ahonhommɔne nso he tutu firi bɛ mu.


Nso na nea ne ho ayɛ no dene he nnim nipa korɔ a ɔsaa no yadeɛ he, efiri sɛ na Yesu atwe ne ho kɔ, ɔnam nnipakuo a na bɛya hɔ nti.


Na ɔde ne nsa guu ne so; na amonom hɔaa ne mu teneeɛ, na ofirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam.


na obegyinaa n’akyi kotoo ne nane ase suiɛ, na ofirii aseɛ de ne nisuo foaa ne nane ho, na ɔde ne ti nwi popaeɛ. Afei, ofee ne nane ho de ngo hwamhwam he srasraa ho.


Na baabi a ɔkɔeɛ biaa, sɛ ɔyɛ nkuraase oo, nkurom oo, mfuom oo, bɛde ayarefoɔ beguu dwam hɔ, na bɛsrɛɛ no sɛ bɛbɛkaa n’ataadeɛ ano; na bɛ a bɛkaeɛ he nyinaa nyaa ayaresa.


Yesu huu bɛ mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa bɛ ani. Amonom hɔaa behuu adeɛ bio na bedii n’akyi.


Na Yesu tenee ne nsa de kaa no, kaa sɛ, “Mepɛ. Wo ho mfiri!” Amonom hɔaa ne kwata he firii ne ho.


Na bɛde ayarefoɔ baa abɔntene bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so sɛnea ɔbɛyɛ a anyeyie koraa he, sɛ Petro ootwam a ne sunsum bɛtɔ bɛ mu bi so.


Afei mpofiremuaa, baa bi a mogyaa atu no mfirinhyia dummienu firii Yesu akyi bɛsɔɔ n’ataadeɛ ano,


Na baa bi a mogyaa atu no mfie dummienu, a biaa ntumi nsaa no yadeɛ,


Nti Yesu bisaa sɛ, “Hwane ne de ne nsa kaa me he?” Berɛ a bɛ nyinaa bɛkaa sɛ ɔnyɛ bɛ he, Petro kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho na bɛakyere wo so.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite