Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 8:25 - Apam Foforɔ

25 Afei obisaa bɛ sɛ, “Ho gyidie ya he?” Nso hu kaa bɛ, na bɛde ahodwiri keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hwane koraa di a otumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma bɛyɛ setie ma no yi?”

Gade chapit la Kopi




Luka 8:25
16 Referans Kwoze  

Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ ntia ho suro yi, ho a ho gyidie sua?” Na ɔsɔreeɛ na ɔteateaa mframa ne po he; na bɛyɛɛ dinn koraa.


Na ntɛmaa Yesu tenee ne nsa sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wo gyidie sua, mmɛ nti ne wogyee akyinnye?”


Yesu bisaa no sɛ, “Menka nkyerɛɛ wo sɛ, sɛ wogye di a, hobehu Nyankopɔn animuonyam?”


Nti sɛ Nyankopɔn fira wuram nhahane a ɔya hɔ nnɛ na kyena bɛtwa de agu fononoo mu ahye no he ntoma saa a, mmɛ nti ne ommfira ho mmom a ho ho hia he ntoma? Oo! ho a ho gyidie sua!


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”


Nso sɛ Nyankopɔn fira wura a, ɔya hɔ nnɛ na kyena onni hɔ na bɛatwa ato fononoo mu ahye no, ntoma a, he deɛ ontumi mfira ho ntoma mma no mmoro so anaa, ho a ho gyidie sua?


Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.


Saa da he, berɛ a na nnwunu adwo he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma yentware nkɔ fa nohoaa.”


Afei bɛkɔɔ ne nkyɛne konyanee no kaa sɛ. “Owura, Owura, yeebewuwu!” Onyaneeɛ he, ɔteateaa mframa he ne nsuo a abu afa so he, na ano brɛɛ ase, na ɔyɛɛ dinn.


Na bekoduruu Gerasefoɔ asaase a ɔne Galilea di animhwɛ so.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite