Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 8:21 - Apam Foforɔ

21 Na obuaa bɛ sɛ, “Me maame ne me nuanom ne nnipa a bɛte Nyankopɔn asɛm na bɛyɔ.”

Gade chapit la Kopi




Luka 8:21
19 Referans Kwoze  

Honyɛ asɛm he yɔfoɔ, na mmom honnyɛ atiefoɔ kɛkɛ, nnaadaa ho ho.


Sɛ honim yeinom na hoyɔ a, hoyɛ nhyira.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.


na mɛyɛ ho agya, na hobɛyɛ me mma, Awurade Tumfoɔ ne aka.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Nti, ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, yennim biaa honam fam; ɔyɛ nɔkorɛ sɛ na yenim Kristo honam fam deɛ, nso yenhu no saa bio.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”


Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’


Na bɛbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina abɔntene pɛ sɛ behu wo.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite