Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 7:6 - Apam Foforɔ

6 Nti Yesu ne bɛ siim kɔeɛ. Nso ɔɔyɛ aduru fie hɔ he, na sraani panyini he asoma ne nnamfoɔ dada sɛ bɛmmɛka nkyerɛ no sɛ, “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie.

Gade chapit la Kopi




Luka 7:6
15 Referans Kwoze  

Nso adom a ɔde ma he dɔɔso; nti ɔka sɛ, “Nyankopɔn si ahantafoɔ kwane, na ɔdom ahobrɛaseɛfoɔ.”


Nti ɔne no kɔeɛ. Na nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na bɛkyeree ne so.


Na ogu so ɔɔkasa he, bi firi hyiadane mu panyini he fie bɛka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Wo babaa he awu; nha kyerɛkyerɛfoɔ he bio.”


Hommrɛ ho ho ase Awurade anim, na ɔbɛma ho so.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Berɛ a Simon Petro huu yei he, ɔkotoo Yesu nane ase kaa sɛ, “Awurade, firi me nkyɛne kɔ, na meyɛ debɔneyɛni!”


sɛdeɛ Nipa Ba he nso amma sɛ bɛnsom no na mmom ɔbɛsomeɛ na ɔde ne nkwa ayɛ agyedeɛ ama nipa bebree he.”


“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


Bɛbaa Yesu nkyɛne he, bɛsrɛɛ no anibrɛ so sɛ, “Ɔfata sɛ woyɛ yei ma sraani panyini he,


efiri sɛ ɔdɔ yɛ mane yi, na ɔno ankasa ne sii hyiadane maa yɛ.”


Nti mammu me ho sɛ mefata sɛ mɛba wo nkyɛne. Na wo deɛ ka bibi kɛkɛ na m’akoa he ho nyɛ no dene,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite