Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 7:22 - Apam Foforɔ

22 Nti obuaa bɛ sɛ, “Honkɔ nkɔka nea hoahu na hoate yi nkyerɛ Yohane sɛ, anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na bɛka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.

Gade chapit la Kopi




Luka 7:22
31 Referans Kwoze  

“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛne asɔredane mu hɔ, na ɔsaa bɛ yadeɛ.


na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’


Dɔno heaa mu, Yesu saa nnipa bebree a bɛnte apɔ, ne bɛ a bɛ yadeɛ mu ɔdene ne bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa yadeɛ, na ɔmaa anifirafoɔ bebree huu adeɛ.


Na nnipa pii wɔ ahonhom fi, na ahonhom fi he de nne kɛseɛ teateam firii bɛ mu firiiɛ. Afei nso, mmubuafoɔ ne mpakye pii nyaa ayaresa.


Natanael kaa sɛ, “Nti, adepa bi betumi afiri Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra bɛhwɛ.”


anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane firi wuom, na bɛka asɛmpa he kyerɛ ahiafoɔ.


Na nhyira ne biaa a menyɛ sintidua mma no.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite