Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 7:21 - Apam Foforɔ

21 Dɔno heaa mu, Yesu saa nnipa bebree a bɛnte apɔ, ne bɛ a bɛ yadeɛ mu ɔdene ne bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa yadeɛ, na ɔmaa anifirafoɔ bebree huu adeɛ.

Gade chapit la Kopi




Luka 7:21
12 Referans Kwoze  

Esiane sɛ na wasa bebree yadeɛ nti, bɛ a bɛwɔ yadeɛ nyinaa ba bɛkyere ne so sɛ bɛbɛsɔ ne mu.


efiri sɛ bɛ a Awurade dɔ bɛ he ne ɔtwe bɛ aso, na ɔtea ne ba biaa a ɔgye no.”


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ba baa, wo gyidie asa wo yadeɛ, fa asomdwie kɔ, na wo yadeɛ he nkɔ.”


‘Amonom hɔaa mogyaa he twaeɛ; na ɔtee no ne nipadua mu sɛ waanya ayaresa.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Berɛ a mmeema he koduruu Yesu nkyɛne he bɛkaa sɛ, “Suboni Yohane asoma yɛ sɛ yemmebisa wo sɛ, ‘Wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?’ ”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite