Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.
Nti Yesu bisaa sɛ, “Hwane ne de ne nsa kaa me he?” Berɛ a bɛ nyinaa bɛkaa sɛ ɔnyɛ bɛ he, Petro kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho na bɛakyere wo so.”
Na afei nso, Yesu hyɛɛ aseɛ maa nkyerɛkyerɛ po he ho. Nnipadɔm betwaa ne ho hyiaeɛ ma ɔkɔforoo kodoɔ bi po he so na ɔtenaa mu, berɛ a na nnipadɔm he tete po he ano.