Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 4:41 - Apam Foforɔ

41 Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.

Gade chapit la Kopi




Luka 4:41
14 Referans Kwoze  

Na ɔsaa nnipa bebree a bɛyare nyarewa ahodoɔ yadeɛ, na otutuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne he kwane amma bɛnkasa, efiri sɛ na benim no.


Wogyidi sɛ Nyankopɔn yɛ baako; woyɛ no yie. Mpo ahonhommɔne nso gye saa di, na bɛ ho popo.


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Berɛ biaa a ahonhom fi behu no he, bɛhwe ase n’anim teaam sɛ, “Wone Nyame Ba he!”


Na sɔhwɛfoɔ he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, hyɛ ma aboɔ yi nnane paanoo.”


Nso Yesu yɔɔ komm. Afei sɔfo panyini he ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Nyankopɔn teasefoɔ he ntam gu wo so sɛ, sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba he a, ka kyerɛ yɛ!”


Amonom hɔaa bɛteateam sɛ, Mmɛ ne wo ne yɛ wɔ yɔ, Nyankopɔn Ba? Woaba ha sɛ wobɛha yɛ ansa na mmerɛ he aduru anaa?


Na Yesu teateaa no kaa sɛ, “Ka wo ano tom, na firi ne mu kɔ!”


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Saa anwummerɛ he bɛde nnipa bebree a bɛwɔ ahohommɔne braa no; ɔde tumi a ɔya n’asɛm mu tutuu ahohommɔne he, na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Na saa da he anwummerɛ berɛ a awia kɔtɔeɛ he, bɛde bɛ a bɛyare anaa bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa braa no.


Nti ogyinaa n’atifi hyɛɛ abunu he sɛ omfiri ne so nkɔ, na abunu he firii ne so kɔeɛ. Mpofiremaa ɔsɔre firii aseɛ som bɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite