Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 4:18 - Apam Foforɔ

18 “Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,

Gade chapit la Kopi




Luka 4:18
56 Referans Kwoze  

anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane firi wuom, na bɛka asɛmpa he kyerɛ ahiafoɔ.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Nti obuaa bɛ sɛ, “Honkɔ nkɔka nea hoahu na hoate yi nkyerɛ Yohane sɛ, anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na bɛka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’


Maaba wiase sɛ hann, na biaa a ɔgye me di he antena sum mu.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Ɔno ne agye yɛ afiri sum tumi mu, na ɔde yɛ akotim ne dɔ Ba he ahennie mu,


nkurofoɔ a na bɛte sum mu he bɛahu hann kɛseɛ, na bɛ a bɛte sum mu he, bɛahu hann kɛseɛ bi; na bɛ a bɛte wuo sunsum asaase so he, hann apie bɛ so.”


“Nhyira ne bɛ a ahia bɛ honhom mu, efiri sɛ bɛ ne soro ahennie he yɛ bɛ dea.


Na Yesu maa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ he firii aseɛ kaa sɛ. “Nhyira ne ho ahiafoɔ, efiri sɛ ho ne Nyankopɔn ahennie he yɛ ho dea.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.


Ohuu ɔnoaa ne nua Simon Petro kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu Mesaia he” (nea bɛasra no ngo he).


Ommu nnɛm a abuka he mu, na ntomabane a oofiri wisie he nso onnum no, kosi sɛ ɔde tenenee bɛkɔ nkunimdie mu.


Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no


“Yei ne m’akoa a mayi no, medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no. Mehwie me Honhom agu ne so, na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.


nti bɛmaa no diyifoɔ Yesaia nwoma a na bɛabobɔ he, na obiee nwoma mmobɔeɛ he mu, na ɔkenkanee faako a bɛatwerɛ sɛ,


Asaase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyiaa faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo he.’


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite