Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 3:3 - Apam Foforɔ

3 Nti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu pae mu kaa adwensakra ho asubɔ a ɔde kɔ bɔne fakyɛ mu he ho asɛm,

Gade chapit la Kopi




Luka 3:3
12 Referans Kwoze  

na waama ne nkurofoɔ anya nkwagyeɛ a ɔnam bɛ bɔne fakyɛ so ba he ho nimdeɛ,


Na afei mmɛ nti ne wootwentwɛne wo nane ase? Sɔre, ma bɛmmɔ wo asu, nhohoro wo bɔne berɛ a wabɔ Awurade dini yi.’


Paulo kaa sɛ, “Yohane bɔɔ asu a ɔyɛ adwensakra ho nsɛnkyerɛnne, na ɔka kyerɛɛ nkurofoɔ he sɛ bennya deɛ odi n’akyi ɔɔba, a ɔne Yesu, he mu gyidie.”


Yohane a odii Yesu anim baeɛ he kaa asubɔ a ɔyɛ adwensakra ho nsɛnkyerɛnne ho asɛm badwam kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa.


Nti bɛbaa Yohane nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, beema a na ɔne woya Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ he, ɔɔbɔ asu ha, na nnipa nyinaa ɔɔkɔ ne nkyɛne.”


“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.


Yei siiɛ ya Betania a ɔya Yordan agya, baabi a na Yohane bɔ asu he.


na ɔbɛdane Israel mma pii asane aba Awurade bɛ Nyankopɔn nkyɛne.


Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no mã he danee ne ho firii Yordan ho, na Honhom he de no kɔɔ serɛ so


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite