Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 3:11 - Apam Foforɔ

11 Na obuaa bɛ sɛ. “Nea ɔwɔ ntaadeɛ mmienu he mma nea onni bi he baako, na nea ɔwɔ bibi di nso mma deɛ onni bi he bi.”

Gade chapit la Kopi




Luka 3:11
22 Referans Kwoze  

Sɛ bi yɛ defoɔ na ohu sɛ ne nua hia bibi, na wanhu ne mmɔbɔ a, ɔbɛyɛ dɛ na watumi aka sɛ ɔdɔ Nyankopɔn n’akoma mu?


Ɔsɛ sɛ bɛyɔ papa, na bennya bɛ ho nnwuma pa fam; bɛ nsɛm ngo na bɛnkyɛ adeɛ fɛ so,


Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”


Sɛ bi ka sɛ, “Medɔ Nyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ torɔfoɔ, efiri sɛ, bi ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhuu no, berɛ a ɔtane ne nua a ohu no he.


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Nso, homfa nea ɔya mu he nyɔ adɔeɛ, na hwɛ, nnoɔma a aka nyinaa ho ate ho fam.


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


Na ɔkaa sɛ, ‘Konelio Nyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim.


Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.


Na ɔyɛ nipa a ɔwɔ ahofama na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Nyankopɔn, na ɔyɛ nkurofoɔ adɔeɛ pii na ɔde adesrɛ to Nyankopɔn anim daa.


Esiane sɛ na Yuda ne kura bɛ sika adaka he nti, binom susuu sɛ na Yesu ɔɔka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nnoɔma a yehia ma afahyɛ he” anaa ɔmfa bibi mma ahiafoɔ.


Na Sakeo sɔre gyinaeɛ ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Oo! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na adeɛ biaa mede nkontompo agye afiri bi hɔ he, mɛbɔ adekorɔ he ho mprɛ nnan ama oni korɔ he.”


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.


Anuanom, mmɛ mfasoɔ ne ya so sɛ bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidie na onni nnwuma? Saa nipa he gyidie betumi agye no nkwa anaa?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite