Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 3:1 - Apam Foforɔ

1 Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.

Gade chapit la Kopi




Luka 3:1
19 Referans Kwoze  

Na nna he mu he, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ bɛntwerɛ nnipa a bɛya n’ahennie mu nyinaa dini.


Bɛkyekyere no, na befirii adi de no kɔhyɛɛ Pilato a na ɔyɛ amrado he nsa.


Na hene he ne amrado he ne Berenike ne mmeema a bɛne bɛ tete hɔ he sɔreeɛ.


Mfie mmienu akyi he, Porkio Festo bedii Felike adeɛ, na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafoɔ he anim adom nti, ɔmaa Paulo kɔɔ soaa daa afiase.


“Klaudio Lisia de krataa yi kyea Amrado pa Felike.


Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no


Nti Pilato buu atɛne sɛnea bɛɛhwehwɛ he.


Na Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee nnoɔma a ɔɔkɔ so he nyinaa, na ne tim yɛɛ no kesenenee, efiri sɛ na binom ɔɔkeka sɛ bɛanyane Yohane afiri awufoɔ mu,


Nso esiane sɛ Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he ntene, na Yohane aka n’anim ne nua yerɛ Herodia ho ne nnoɔma bɔne a Herode ayɔ nyinaa ho nti,


Nea na asi ne sɛ, na Herode asoma mmeema ama bɛakɔkye Yohane, akyekyere no de no ato afiase, Herodia a ɔyɛ ne nua Filipo yerɛ he ho nti, efiri sɛ na Herode agye no afiri Filipo nsam aware no.


Na Herode akye Yohane de no ato afiase, ne nua Filipo yerɛ, Herodia nti,


Saa berɛ he Herode a na ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee Yesu ho asɛm;


Berɛ a Herode awoda duruu so he, Herodia babaa bɛsaa badwam hɔ, na ɔsɔɔ Herode aniaa


Kyerɛ yɛ nea wodwene fa yei ho. Ɔsɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare, anaa sɛ ɔnsɛ yetua ma no?”


Na akwannya bi baa Herode awoda, berɛ a ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfoɔ.


Dɔno heaa mu he Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, efiri sɛ Herode pɛ sɛ oku wo.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite