Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 24:44 - Apam Foforɔ

44 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”

Gade chapit la Kopi




Luka 24:44
88 Referans Kwoze  

sɛ Nyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛ a yɛyɛ bɛ mma he, efiri sɛ wanyane Yesu, sɛnea bɛatwerɛ ya Dwom a ɔtɔ so mmienu he mu sɛ, ‘Woyɛ me ba, nnɛ maayɛ w’Agya.’


na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


Na esiane sɛ mmara he kura nnoɔma pa a ɔɔba he nsɛsoɔ na mmom onni nnoɔma he ankasa nti, ontumi mfa saa daa daa afɔreɛ a bɛbɔ no afe biaa he so mma bɛ a bɛde bɛ ho to so he nwie pɛyɛ.


Sɛ hogye Mose di a, hobegye me nso adi, efiri sɛ Mose twerɛɛ me ho asɛm.


Nti Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ mmerɛ tentene a na ntomadane a odi kane he da so si hɔ he, na bennya nyii kwane a ɔkɔ kronkronbea he adi.


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


Na sɛnea Mose maa wɔ he so serɛ so he, saa ne otwa sɛ bɛma Nipa Ba he so,


na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa kwane yi so ne bɛatwerɛ sɛ Kristo he behu amaneɛ na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he wasɔre afiri awufoɔ mu,


Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Sorosoro Nyankopɔn sɔfo he, berɛ a Abraham dii ahemfo he so nkunim a ɔɔsane aba he, okohyiaa Abraham hyiraa no;


Na Mose deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ somfo, na odii adanseɛ faa nsɛm a Nyankopɔn bɛka no akyire he ho.


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


Na meeka akyerɛ ho sɛ, otwa sɛ nea bɛatwerɛ yi bam fa me ho sɛ, ‘Bɛkane no fraa mmaratofoɔ.’ Na nea ɔfa me ho he anya abam.”


efiri sɛ yei yɛ aweretɔ nna, sɛnea ɔbɛyɛ a nea bɛatwerɛ he nyinaa bɛba mu.


“Honwɛne ho aso ntie saa nsɛm yi, na otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ adasamma nsa.”


Nso yei nyinaa asi, sɛ ɔbɛyɛ a adiyifoɔ he atwerɛ he bɛba mu.” Afei asuafoɔ he nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Na nka ɔbɛyɛ dɛ na atwerɛ a ɔka sɛ otwa sɛ ɔba saa he abam?”


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


Bɛhwehwɛɛ berɛ korɔ ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɔya bɛ mu dii kane daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɔbɛba he ho.


Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane.


efiri sɛ ná ɔɔkyerɛkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ama de no ahyɛ nnipa nsa, na bebeku no, na nnansa akyi he waasɔre bio.”


Yei nyinaa siiɛ sɛdeɛ asɛm a Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he bɛbam sɛ,


efiri sɛ wonnya me kra Asamando, na womma wo Kronkronni he nipadua mporɔ.


Nti honhwɛ na nea Adiyifoɔ he aka he amma ho so:


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite