Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 23:5 - Apam Foforɔ

5 Nso bɛkaa no dendenndene sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛ Yudea nyinaa de hwanyane mane he mu, ofirii aseɛ mpo firii Galilea ne ɔde abeduru ha yi.”

Gade chapit la Kopi




Luka 23:5
24 Referans Kwoze  

Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.


Adeɛ kyeeɛ he, Yesu yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo, na ɔka kyerɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Afei berɛ a bɛkyee Yohane akyi he, Yesu baa Galilea, na ɔpaem kaa asɛmpa a ofiri Nyankopɔn he


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.


Saa asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa, ofiri aseɛ Galilea berɛ a Yohane kaa asubɔ ho asɛm he akyi.


Na bɛteateam dendene, de bɛ nsa sisii bɛ aso, na bɛ nyinaa gyee twi kɔɔ no so.


Bɛtee yeinom he ɔwowɔɔ bɛ akoma mu na bɛ ani beree paa tia Stefano.


Berɛ a bɛtee yei he, ɔwɔɔ bɛ yie na bɛpɛɛ sɛ beku bɛ.


Bɛteaam sɛ, “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” Pilato bisaa bɛ sɛ, “Memmɔ ho Hene he asennua mu?” Asɔfoɔ mpanyimfoɔ he buaa sɛ, “Yenni hene biaa ka Kaesare ho.”


Bebuaa sɛ, “Womfiri Galilea, anaa wofiri hɔ? Hwehwɛ mu hwɛ na wobehu sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a obefiri Galilea asɔre.”


Na binom nso kaa sɛ, “Kristo he di.” Na binom nso bisaa sɛ, “Kristo he befiri Galilea anaa?”


Afei bɛde nne kɛseɛ kaa no dendenndene sɛ ɔmmɔ no asennua mu; na bɛ nne bunkamm ne deɛ so.


Nti ofirii hɔ he, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he befumm ne ho na bebisabisaa no nsɛm foforɔ pii de hyɛɛ no abufuo


Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”


Hene Herode berɛ so he, bɛwoo Yesu Betlehem a ɔya Yudea. Na yei akyi he, nsoromma mu animdefoɔ bi firi apieeɛ baa Yerusalem,


Na berɛ a Yesu kasa kyerɛɛ n’asuafoɔ dummienu he wieeɛ he, ofirii hɔ kɔɔ bɛ nkuro he mu sɛ ɔɔkɔ kyerɛkyerɛ, na afei wapaem kaa n’asɛm he hɔ.


Berɛ a Pilato teeɛ he, obisaa sɛ beema he yɛ Galileani anaa?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite