Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 23:4 - Apam Foforɔ

4 Afei Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipakuo he sɛ, “Menhu bɔne biaa beema yi ho.”

Gade chapit la Kopi




Luka 23:4
13 Referans Kwoze  

Pilato bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne nɔkorɛ?” Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔsane firi kɔɔ Yudafoɔ he hɔ kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mennhuu mfomsoɔ biaa ne ho.


Ɔno na wanyɛ bɔne, na bɛanhu nnaadaa biaa nso n’anum.


na mmom, bɛde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a onni dɛm ne nkekaeɛ he mogyaa a ne boɔ ɔdene he ne gyee ho.


Ɔka kyerɛɛ bɛ ne mprɛnsa so sɛ. “Abɛ bɔne ne nipa yi ayɔ? Menhu bibiaa a ɔya ne ho a ɔsɛ sɛ owu. Nti mɛtwe n’aso na magyaa no.”


Pilato bisaa bɛ sɛ, “Abɛ bɔne ne waayɔ?” Na bɛteaam kɛse paa sɛ, “Bɔ no asennua mu!”


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Nti na ohia sɛ yenya sɔfo panyini a ɔte saa, ne ho te, ne ho nni asɛm, nkekaeɛ nni ne ho, bɛate ne ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho, na bɛama no so mmorosoɔ.


Berɛ a na ɔte atemmuo adwa he so he, ne yerɛ soma maa bɛbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɔ bibiaa ntia saa beema a onni fɔ yi, na nnɛ maabrɛ papaapa, ɔnam daeɛ bi a m’aso afa ne ho nti.”


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


Nso mehuu sɛ ɔnyɔɔ bibiaa ɔfata sɛ owu. Nti berɛ a ɔde asɛm he danee Tumfoɔ he, meyɔɔ m’adwene sɛ mede no bɛkɔ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite