Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 22:8 - Apam Foforɔ

8 Nti Yesu somaa Petro ne Yohane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na honkosiesie Twam aduane he mma yemmedi.”

Gade chapit la Kopi




Luka 22:8
12 Referans Kwoze  

Na afei asomafoɔ a bɛya Yerusalem tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm he, bɛsomaa Petro ne Yohane kɔɔ bɛ nkyɛne.


Nso Petro ne Yohane buaa bɛ sɛ, “Sɛ ɔtene Nyankopɔn anim sɛ yetie ho sene Nyankopɔn a, ho ankasa hommua.


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


Berɛ a beema he kita Petro ne Yohane mu he, nnipa a bɛya hɔ he nyinaa de ahodwiri tuu mmirika kɔɔ bɛ nkyɛne bea bi a bɛfrɛ hɔ Salomo abranaa so.


Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie.


Na bɛ mmienu nyinaa tene Nyankopɔn anim di Awurade mmara ne n’atemmudeɛ ne n’atenenedeɛ nyinaa so pɛpɛɛpɛ a asɛm biaa nni bɛ ho.


Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no.


Bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie?”


Berɛ a ohuu Petro ne Yohane sɛ bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he, ɔsrɛɛ sɛ bɛnkyɛ no sika.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite