3 Na Satan wuraa Yuda a bɛfrɛ no Iskariot, a na ɔyɛ dummienu he mu baako he mu;
Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma.
Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’
Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron?
“Na honhu sɛ, nea obeyi me ama he ne me te didipono yi ho,
(Nso ɔnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti ne ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ, na sika adaka he ya ne nkyɛne, na ɔtaa yi sika a bɛde gu mu he bi.)
Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a ɔbɛyɛɛ bi a oyii Yesu maeɛ he.
Obuaa sɛ, “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa baako mu he ɔno ne beyi me ama.’
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”
Simon a ofiri Kana, ne Yuda Iskariot a oyii Yesu maeɛ he.