9 Afei ɔyɔɔ mfantoho yi kyerɛɛ nkurofoɔ he sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo bi de gyaa nhwɛsofoɔ, na otuu kwane kɔɔ mane foforɔ so kodii berɛ tentene.
Ɔkaa sɛ, “Dehyeɛ bi tuu kwane kɔɔ asaase bi so akyirikyiri sɛ ɔɔkɔgye ahennie tumi aba.
“Na ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde n’agyapadeɛ hyɛɛ bɛ nsa;
Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hedeɛ me nso mennka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ ho.”
Afei twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa akoa bi kɔɔ nhwɛsofoɔ he nkyɛne sɛ bɛmma no bobe turo he mu aba he bi. Nso nhwɛsofoɔ he hwee no, pamoo no ma ɔde nsapan kɔeɛ.