Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 20:21 - Apam Foforɔ

21 Na bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nɔkorɛ na wonyɛ nyiyimu, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorɛ mu.

Gade chapit la Kopi




Luka 20:21
16 Referans Kwoze  

Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.


Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Na bɛba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woka nɔkorɛ, na wonyɛ nyiyimu, efiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim mmu ntɛnkyea, na mmom wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorem. Ɔyɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa ɔnyɛ?


Na bɛ a nnipa bu bɛ sɛ akannifoɔ he (sɛnea bɛteɛ biaa nyɛ hwee mma me; Nyankopɔn nyɛ nyiyimu), mefam deɛ saa akannifoɔ he amfa bibi foforɔ biaa amma;


Na bɛhwɛɛ no dinn he, bɛbɔɔ nnipa bi paa kokoam sɛ bɛnyɔ bɛ ho sɛ bɛyɛ anɔkwafoɔ, na ama bɛafa nsɛm a ɔkaeɛ he so anya no, na bɛde no ahyɛ abane ne amrado nsa.


Nti, mmara ma ho kwane sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa mmara mma kwane?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite