Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 2:2 - Apam Foforɔ

2 Yei ne nnipa-kane na odi kane; na ɔkɔɔ so berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado he.

Gade chapit la Kopi




Luka 2:2
9 Referans Kwoze  

Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.


Na hene he ne amrado he ne Berenike ne mmeema a bɛne bɛ tete hɔ he sɔreeɛ.


“Klaudio Lisia de krataa yi kyea Amrado pa Felike.


Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim


na ɔya Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ nyansani he nkyɛne. Berɛ a bɛfrɛɛ Barnaba ne Saulo maa no he, amrado he hwehwɛɛ sɛ ɔbɛte Nyankopɔn asɛm.


Ɔno akyi he, Galileani bi a ɔde Yuda nso sɔree nna a bɛtwerɛtwerɛ dini he mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Ɔno nso wuiɛ, na n’akyidifoɔ he nyinaa hweteeɛ.


Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Na nna he mu he, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ bɛntwerɛ nnipa a bɛya n’ahennie mu nyinaa dini.


Na nnipa nyinaa tuu kwane kɔɔ bɛ kurom kɔtwerɛɛ bɛ dini.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite