Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 2:14 - Apam Foforɔ

14 “Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”

Gade chapit la Kopi




Luka 2:14
36 Referans Kwoze  

Afei ɔnam sɛ bɛabu yɛ bem gyidie mu nti, yɛnam yɛ Awurade Yesu Kristo so anya asomdwie Nyankopɔn mu,


sɛ, “Nhyira ne Hene ɔɔba sɛ hene Awurade dini mu! Asomdwie ya soro, na animuonyam ya sorosoro nohoa!”


na Nyankopɔn nam Kristo so apata ɔno Nyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɔne sɛ, ɔnam Kristo asennua ho mogyaa so asiesie Nyankopɔn ne nnoɔma a ɔya asaase so ne soro nyinaa ntam; na ɔnam nkabom yi so ama asomdwie aba.


ama bɛ a bɛtete sum ne wuo sunsum ase he anya hann, na wagye yɛ taataa akɔ asomdwie kwane so.”


Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.


Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,


na kɛtrɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade, ahyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.”


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ abuburo baa ne so, na nne bi fi soro kaa sɛ. “Wone me dɔba, wo ne wo sɔ m’ani.”


Na nnipadɔm a bedi n’anim ne bɛ a bedi n’akyi he teateam sɛ, “Hosiana, Dawid ba! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade dini mu ɔɔba! Hosiana ya sorosoro!”


Na waama yɛahu nyansa nyinaa ne nhunumu ahintasɛm a ɔpɛ he, sɛnea osiesiee no Kristo mu he.


na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.


efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.


sɛnea ɔbɛyɔ a mmerɛ a ɔɔba he mu ɔnam n’ayamyɛ so bɛda n’adom mmorosoɔ a mu nni hwehwɛbea he adi akyerɛ yɛ Kristo Yesu mu.


Nso Nyankopɔn a, ne mmɔborɔhunu dɔɔso he, firi ne dɔ kɛseɛ a ɔde dɔɔ yɛ he mu,


Asomdwie ne mede oogya ho, m’asomdwie ne mede ɔɔma ho, nyɛ sɛnea wiase de ma ho he ne mede ɔɔma ho. Hommma ho akoma ntutu, na hommɔ hu nso.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Na amonom hɔaa, soro asafodɔm bɛkaa bɔfoɔ he ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ,


Nti berɛ a abɔfoɔ he gyaa bɛ hɔ kɔɔ soro he, nnwanhwɛfoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Homma yɛnkɔ Betlehem nkɔhwɛ nea asi a Awurade ayi no adi akyerɛ yɛ yi.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite