Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 2:11 - Apam Foforɔ

11 efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.

Gade chapit la Kopi




Luka 2:11
38 Referans Kwoze  

Ɔbɛwo ba beema, na to ne dini Yesu, efiri sɛ ɔno ne bɛgye ne nkurofoɔ afiri bɛ bɔne mu.”


Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”


Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.”


Mmɛ akwannya ne manya sɛ m’Awurade maame aba me nkyɛne yi?


Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso.


na kɛtrɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade, ahyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.”


Bɛka kyerɛɛ baa he sɛ, “Afei, ɔnyɛ nea wokaeɛ he nti ne yɛagye adi, efiri sɛ yɛ ankasa yɛate na yɛahu sɛ nipa yi ne wiase Agyenkwa he ampa.”


Yosef nso firii Nasaret a ɔya Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofiri Dawid fie ne Dawid abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a bɛfrɛ no Betlehem mu


na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he.


Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Filipo huu Natanael, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu nea Mose kaa ne ho asɛm ya mmara he mu na adiyifoɔ he nso kaa ne ho asɛm he, Yesu, Yosef ba a ofiri Nasaret he.”


na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanseɛ ahodoɔ kyerɛɛ sɛ na ohia sɛ Kristo he hu amane na ɔsɔre fi awufoɔ mu, na ɔkaa sɛ, “Yei ne Kristo he, Yesu a meeka ne ho asɛm kyerɛ ho he.”


Saa nipa yi ne Nyankopɔn maa no so sɛ Safohene ne Agyenkwa kɔɔ ne nsa nifa so, sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔne fakyɛ.


Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.”


Ohuu ɔnoaa ne nua Simon Petro kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahu Mesaia he” (nea bɛasra no ngo he).


Na ɔhyɛɛ asuafoɔ he ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa sɛ ɔno ne Kristo he.


Sɛdeɛ hoagye Awurade Kristo Yesu he, saa ne hommɔ ho bra sɛ Kristo mu agyidifoɔ


Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,


Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛɛ, Awurade, megye di sɛ wo ne Kristo, Nyankopɔn Ba a ɔɔba wiase mu he.”


Na binom nso kaa sɛ, “Kristo he di.” Na binom nso bisaa sɛ, “Kristo he befiri Galilea anaa?”


Bio nso, na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ onwu gye sɛ waahu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ he ansa.


Waama nkwagyeɛ abɛne n’akoa Dawid fie ama yɛ,


Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesaia he ɔɔba” (nea bɛfrɛ no Kristo he). “Sɛ ɔba a, ɔbɛka yei nyinaa akyerɛ yɛ.”


Saa beema yi aseni ne Yesu a Nyankopɔn yii no maa Israel sɛ Agyenkwa, sɛnea ne bɔhyɛ teɛ he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite