Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 2:10 - Apam Foforɔ

10 Na bɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro, hwɛ, mede asɛmpa a ɔfa anigyeɛ pii a nnipa nyinaa benya he ho ɔɔbra ho,

Gade chapit la Kopi




Luka 2:10
30 Referans Kwoze  

Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


Nso amonom hɔaa Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homa ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro koraa.”


Nti bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro Maria, na woanya Nyankopɔn anim adom;


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


Ɔno nti, yɛɛka bɔhyɛ a bɛde maa nananom he ho asɛm akyerɛ ho,


na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu​, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.


Yei akyi berɛ tiaa bi mu he, Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔ pae mu kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa. Na dummienu he ka ne ho.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Mene Gabriel, Nyankopɔn somfo a wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa na menka nnoɔma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo.


Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ. “Nsuro, Sakaria, efiri sɛ bɛatie w’adesrɛ, na wo yerɛ Elisabet bɛwo babeema ama wo, na woato ne dini Yohane.


sɛ, “Berɛ he awie duru, na Nyankopɔn ahennie he abɛne; honsakra ho adwene na honye asɛmpa he nni.”


Na sɛ bɛansoma asɛmpakafoɔ a, ɔbɛyɛdɛ na bi akɔka asɛm he? Nti bɛatwerɛ sɛ, “Hwɛ bɛ a bɛde asɛmpa he ba he bɛ nane ase ɔfɛ fa!”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he.


efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite