Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 19:12 - Apam Foforɔ

12 Ɔkaa sɛ, “Dehyeɛ bi tuu kwane kɔɔ asaase bi so akyirikyiri sɛ ɔɔkɔgye ahennie tumi aba.

Gade chapit la Kopi




Luka 19:12
18 Referans Kwoze  

Saa Yesu yi ne kɔɔ soro na ɔte Nyankopɔn nifa, na bɛde abɔfoɔ ne bɛ a tumidie ahyɛ n’ase.


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”


Afei ɔyɔɔ mfantoho yi kyerɛɛ nkurofoɔ he sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo bi de gyaa nhwɛsofoɔ, na otuu kwane kɔɔ mane foforɔ so kodii berɛ tentene.


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


Na ɔsɛ sɛ odi hene kosi sɛ ɔde n’atamfoɔ nyinaa bɛhyɛ ne nane ase.


efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”


Na oohyira bɛ he ɔne bɛ ntam teteɛ na bɛmaa no so kɔɔ soro.


Na afei Awurade Yesu ne bɛ kasa wieeɛ he, Nyankopɔn maa no so kɔɔ soro kɔtenaa ne nsa nifa so.


Afei Yesu firii aseɛ de mfantoho kasa kyerɛɛ bɛ sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo, gyee ho hyiaeɛ, tuu nsa-kyi-amena, na osii awɛmfoɔ dane; afei ɔde turo he hyɛɛ ahwɛfoɔ nsa, na otuu kwane kɔɔ kuro foforɔ so.


Nso berɛ a nhwɛsofoɔ he huu ne ba he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Yei ne nea obedi adeɛ he; homma yenku no na yɛmfa n’agyapadeɛ he.’


Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite