Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 18:7 - Apam Foforɔ

7 Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?

Gade chapit la Kopi




Luka 18:7
31 Referans Kwoze  

Awurade ntwentwɛne ne nane ase ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea binom dwene he. Na nea ɔteɛ ne sɛ, ɔwɔ ho ho boasetɔ, efiri sɛ, ɔmpɛ sɛ biaa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ biaa nya adwensakra.


Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”


Kunafoɔ baa a onni boafoɔ he de n’ani to Nyankopɔn so na okura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia;


Bɛde nne a ano ɔdene kaa sɛ, “O Awurade Tumfoɔ, kronkronni ne nɔkwafoɔ! Wobɛtwentwɛne wo nane ase akosi da bɛ na woabu atɛne atua nnipa a bɛya asaase so ka yɛ mogyaa ho?”


efiri sɛ, ɔtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua bɛ a bɛde ahohiahia ba ho so he ka,


Nso seesei deɛ ɔyɛ kunafoɔ a wadi mfie aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadie ne nkotosrɛ som Nyankopɔn, awia ne anadwo.


Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!


Soro ne ho ahoteefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, ɔno nti homma ho ani nnye ya ne ho, efiri sɛ Nyankopɔn abu no atɛne ama ho.


Yɛkɔ so bɔ mpaeɛ awia ne anadwo sɛ yebehu ho anim na yɛama ho gyidie ahyɛ ma.


Ɔnam sɛ, hoyɛ nnipa a Nyankopɔn ayi ho a hoyɛ kronkron na ɔdɔ ho nti, homfa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ, dwoɔ ne ntoboaseɛ mmɔ ho bra.


Hwane ne bɛbɔ Nyankopɔn mma a waayi bɛ he kwaadu? Nyankopɔn ne nea obu bi bem.


Na yei nti ne begyina Nyankopɔn ahennwa anim a bɛɛsom awia ne anadwo ne hyiadane mu yi. Nea ɔbɛtena ahennwa he so he bɛbɔ bɛ ho bane.


Me, Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ gyidie ne nyamesom pa ho nɔkorɛ he nimdeɛ mu,


Meda Nyankopɔn a mede ahonim pa som no sɛdeɛ me nananom someeɛ he ase, berɛ a mekae wo me mpaebɔ mu, anadwo ne awia.


Sɛ bɛantwa saa nna he so a, biaa nni hɔ a obenya nkwa; nso bɛ a bɛayi bɛ he nti bebetwa nna he so tia.


Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ.


Na sɛ nnoɔma yi firi aseɛ sɛ oosisi a, honsɔre nnyina na homma ho ti so, efiri sɛ na hogyeɛ he abɛne.”


Yei nti meto me bo nnoɔma nyinaa mu, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛ a bɛayi bɛ he nso bebenya Kristo Yesu mu nkwagyeɛ, daa animuonyam mu.


Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite