12 Medi mmuada mprenu nnawɔtwe, meyi nea menya nyinaa so ntotosoɔ du du.’
“Na ho Farisifoɔ deɛ, honnue, efiri sɛ hoyi mẽẽ, nunum ne kumin nyinaa so ntotosoɔ du du, nso hototo atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ase! Saa nnoɔma yi ne ɔsɛ sɛ nka hoyɔ, na nea aka he nso ɔnsɛ sɛ hoyi firi mu.
Afei Yohane asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Mmɛ nti ne yɛ ne Farisifoɔ he taa kyene kɔm, na wo asuafoɔ yi deɛ nkyene kɔm?”
Nti ho nso, sɛ hoyɔ nea bɛahyɛ ho nyinaa wie a, honka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a yɛnsɛ hwee. Nea ɔsɛ sɛ yɛyɔaa ne yɛayɔ yi.’ ”
efiri sɛ honam fam mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nso nyamesuro ho hia akwane nyinaa mu, na ɔwɔ nkwa a yɛya mu seeseiaa yi ne nkwa ɔbɛba he mu bɔhyɛ pa.
“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.
omfiri nnwuma mu, sɛ ɔbɛyɛ a bi ntumi mfa nhoahoa ne ho.
Mekɔɔ nkane Yuda som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree, efiri sɛ meyɛɛ nam nananom atetesɛm mu.
sɛ ɔbɛyɔ a biaa ɔnhoahoa ne ho Nyankopɔn anim.
Afei mmɛ ne ahohoahoa yi? Wɔayi afiri hɔ. Mmɛ nhyehyɛeɛ so na ɔnam? Mmara nnwuma so? Daabi, na mmom ɔnam gyidie nhyehyɛeɛ so.
“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.
“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.
Meeka akyerɛ ho, sɛ ho tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ bɛ deɛ so a, honnya soro ahennie mu kwane da.