Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 16:2 - Apam Foforɔ

2 Nti defoɔ he frɛɛ n’akoa he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘mmɛ ne mete fa wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma he ho akonta kyerɛ me, efiri sɛ wontumi nhwɛ fie he so bio.’

Gade chapit la Kopi




Luka 16:2
23 Referans Kwoze  

Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he.


Honhom mu adom a biaa anya he, onnyina so mfa nsom afoforɔ sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ he ho fie ahwɛfoɔ pa.


Nso bebebu bɛ ho nkonta akyerɛ Nyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne he.


Nnipa binom bɔne da adi pefee de bɛ ɔɔkɔ atemmuo mu binom nso bɔne di bɛ akyi.


Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɔya wo mu he so, meekyerɛ akyɛdeɛ a ɔnam nkɔmhyɛ so baa wo so, berɛ a asafo mpanyimfoɔ badwa he de bɛ nsa guu wo so he.


Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


Afei nso, ɔsɛ fiehwɛfoɔ sɛ behu no sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Me nuanom, asɛm he ne sɛ, Kloe fiefoɔ atia me nane so sɛ akasakasaa ya ho mu.


Ne saa nti, yemu biaa bebu n’ankasa akonta akyerɛ Nyankopɔn.


Na Awurade buaa sɛ, Hwane koraa ne fiepanyini nɔkwafoɔ ne badwemma a ne wura de no bedi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma bɛ bɛ aduane berɛ a ɔsɛ mu?


Nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yiaa bɛbɛgye wo kra afiri wo nsam. Na ɔba saa a, hwane ne nnoɔma a wode asie he bɛyɛ ne dea?’


Meeka akyerɛ ho, atemmuda he hobebu asemhunu biaa a efiri ho anum ba ho akonta;


Nnwunu dwoeɛ he, bobe turo wura he ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ, ‘Frɛ apaafoɔ he na tua bɛ ka, firi deɛ otwa toɔ so kosi deɛ odi kane so.’


Afei Yesu toaa so ka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Na defoɔ bi ya hɔ a ɔwɔ fiehwɛfoɔ bi, na bɛkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔɔyɔ n’agyapadeɛ basabasa.


Afei fiehwɛfoɔ he kaa no ne tim sɛ, ‘Mmɛ ne menyɔ, berɛ a me wura ɔɔbɛgye me fiehwɛ adwuma afiri me nsam yi? Me ho nyɛ dene pii sɛ metutu fam, mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite