Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 16:13 - Apam Foforɔ

13 Akoa biaa nni hɔ a obetumi asom awuranom mmienu; efiri sɛ obebu baako animtia na ɔde anidie ama baako, anaa ɔbɛbata baako ho na watwe ne ho afiri baako ho. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”

Gade chapit la Kopi




Luka 16:13
12 Referans Kwoze  

“Akoa biaa ntumi nsom awuranom mmienu; efiri sɛ ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaa ɔde ne ho bɛbata baako na waabu baako animtia. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”


“Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani.


Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.


Nea onni m’afa he ko tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano he nso hwete nea m’aboaboa ano he mu.


“Bio nso, meeka akyerɛ ho sɛ, homfa ahonyadeɛ a ɔntene so nnya nnamfoɔ, na sɛ ɔsa a, bɛagye ho akɔ daa tenabea mu.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.”


Nso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Honnsi no kwane, efiri sɛ nea ɔnsɔre ntia ho he ya ho afã.”


Na sɛ hoanni nɔkorɛ afoforɔ deɛ mu a, hwane ne de ho ankasa ho deɛ bɛma ho?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite