Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 15:2 - Apam Foforɔ

2 Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.”

Gade chapit la Kopi




Luka 15:2
12 Referans Kwoze  

Berɛ a Farisifoɔ he huu yei he, bɛka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho kyerɛkyerɛni yi ne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?”


Na behuiɛ he, bɛ nyinaa nwiinwii kaa sɛ. “Beema debɔneyɛfoɔ yi ne ɔɔkɔsoɛ no yi.”


Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.”


Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”


sɛ, “Ɛɛne nti ne wokɔɔ bɛ a bentwaa bɛ twetia fie ne bɛ kodidiiɛ yi?”


Nipa Ba he aba, odidi na ɔnom, nso hoka sɛ, ‘Hwɛ! Beema didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ adamfo di!’


Ɔne sɛ, na ɔne Amanamane mufoɔ to nsa didi kosi berɛ a binom firi Yakobo nkyɛne baeɛ. Na afei bɛbaeɛ he, ɔtwee ne ho firii Amanamane mufoɔ he ho, efiri sɛ, na osuro bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu baeɛ he.


Nipa Ba he baeɛ a odidi na ɔnom, na hoka sɛ, “Ɔyɛ didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ bɛ adamfo!’ Nso, bɛ a bɛde Nyankopɔn nyansa di dwuma he da no adi sɛ ne nyansa he yɛ papa.”


Nti ɔyɔɔ mfantoho bi kyerɛɛ bɛ sɛ:


Asɛm he yɛ nɔkorɛ, na ɔsɛ sɛ bɛgye tom sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔnyɛfoɔ a medi mu kane.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite