Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 12:5 - Apam Foforɔ

5 Na mmom mɛkyerɛ ho nea honsuro no. Honsuro nea oku wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto agu Gehenna (amanehunu kurom). Ampa! Meeka akyerɛ ho sɛ: Ɔno ne honsuro no.

Gade chapit la Kopi




Luka 12:5
16 Referans Kwoze  

Nyankopɔn amfa abɔfoɔ a bɛyɔɔ bɔne he ho ankyɛ bɛ. Ɔtoo beguu Asamando amanehunu bunu mu, guu bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, na hɔ ne bɛɛtwɛne atemmuo da he.


Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu.


Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!”


Nti ohu ma bi sɛ ɔbɛtɔ Nyankopɔn teasefoɔ he abufuom.


Na bɛtoo Wuo ne Asamando guu gya tadeɛ he mu. Saa gya tadeɛ yi ne wuprenu he.


sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Na yeinom befiri hɔ akɔ daa asotwe mu, na ateneneefoɔ he bɛkɔ daa nkwa mu.”


Nso honyɛ krado; maadi kane aka ne nyinaa akyerɛ ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite