10 Na biaa a ɔbɛka asɛm bi atia Nipa Ba he, bɛde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron he deɛ, bɛmfa nkyɛ no.
Sɛ bi hu sɛ ne nua ayɔ bɔne bi a ɔmfa no nkɔ wuo mu a, ɔmmɔ Nyankopɔn a ɔbɛma no nkwa he mpaeɛ mma no. Yei ka bɛ a bɛ bɔne mfa bɛ nkɔ wuo mu he ho. Bɔne bi ya hɔ a ɔde nipa kɔ wuo mu na ɔno ho deɛ, menka sɛ hommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Nyankopɔn.
ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.
Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.