1 Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.
Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.
Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.
Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ.