Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 11:41 - Apam Foforɔ

41 Nso, homfa nea ɔya mu he nyɔ adɔeɛ, na hwɛ, nnoɔma a aka nyinaa ho ate ho fam.

Gade chapit la Kopi




Luka 11:41
37 Referans Kwoze  

Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no,


Nyamesom a ho te na nkekaeɛ nni mu a Agya Nyankopɔn ani sɔ di: Sɛ bi bɛdwene nyanka ne akunafoɔ ho, bɛ ahohiahia mmerɛ mu, na ɔbɛte ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.


Nipa ɔtene he nnoɔma nyinaa ho te ma no, nso deɛ ɔntene na ɔnnye nni he deɛ, bibiaa ho nte mma no na mmom n’adwene ne n’ahonim nyinaa ho agu fi.


Hommmu ho ani ngu papayɔ ne adekyɛ so, efiri sɛ, saa afɔreɛ he sɔ Nyankopɔn ani.


Na nne he ka kyerɛɛ no ne mprenu so sɛ, “Mfrɛ nnoɔma a Nyankopɔn ate ho sɛ ho agu fi.”


“Bio nso, meeka akyerɛ ho sɛ, homfa ahonyadeɛ a ɔntene so nnya nnamfoɔ, na sɛ ɔsa a, bɛagye ho akɔ daa tenabea mu.


Nyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene; na ommu n’ani ngu nwuma pa a ho yɔ ne dɔ a ɔno nti ho da no adi ya ahoteefoɔ som ho, na hogu so yɔ he ho.


Sɛ bi wɔ pɛ sɛ ɔde bibi kyɛ nkoaa deɛ a, hedeɛ Awurade hwehwɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ ne bɛkyɛ na mmom, ɔnyɛ nea onni.


Na Sakeo sɔre gyinaeɛ ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Oo! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na adeɛ biaa mede nkontompo agye afiri bi hɔ he, mɛbɔ adekorɔ he ho mprɛ nnan ama oni korɔ he.”


Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”


Adeɛ biaa a bi bɛsrɛ afiri wo hɔ he, fa ma no, na deɛ ɔfɛm bibi firi wo hɔ biaa nkame no.


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,


Na howɔ ahiafoɔ ya ho nkyɛne daa, na me deɛ hoonya me daa.


Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane.


Nea nti a ɔte saa ne sɛ ɔnkɔ akoma he mu, na mmom yafunu mu, na apie akɔ yaanee mu.” (Na ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho.)


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite