Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 11:13 - Apam Foforɔ

13 Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”

Gade chapit la Kopi




Luka 11:13
30 Referans Kwoze  

Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ ne nea oobisa wo sɛ, ‘Ma me nsuo he bi nnom’ a nka wobebisa no na wama wo nkwa nsuo.”


Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?


Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.


Na sɛ hode bɛ a bɛfom ho he mfomsoɔ kyɛ bɛ a, ho Agya a ɔya soro he nso de ho mfomsoɔ bɛkyɛ ho;


Na ɔyɛ amanamane mufoɔ ne bɛpre yeinom nyinaa ho; na nɔkorɛ, ho Agya a ɔya soro he nim sɛ hohia yeinom nyinaa.


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Berɛ biaa a hobɛbɔ mpaeɛ he, honka sɛ, “Agya, anidie nka wo dini. W’ahennie mmra.


Nso sɛ Nyankopɔn fira wura a, ɔya hɔ nnɛ na kyena onni hɔ na bɛatwa ato fononoo mu ahye no, ntoma a, he deɛ ontumi mfira ho ntoma mma no mmoro so anaa, ho a ho gyidie sua?


saa ne bɛma ho ayɛ ho Agya a ɔya soro he mma; efiri sɛ ɔma awia pie abɔnefoɔ ne ateneneefoɔ so, na ɔtɔ nsuo gu ateneneefoɔ ne bɛ a bɛnnyɛ ateneneefoɔ so.


Ne saa nti homma ho kanea nhyerɛn mma nnipa nyinaa, na bɛahu ho nnwuma pa na bɛahyɛ ho Agya a ɔya soro he animuonyam.


Na menim sɛ bibi papa biaa nte me mu, mekyerɛ, me honam mu. Mewɔ pɛ pa sɛ mɛyɔ nea ɔyɛ, nso mentumi nyɔ,


Sɛ ɔnam baakofoɔ mmarato so maa wuo faa nnipa nnommum saa kwane yi so a, mprɛ meɛhe ne bɛ a benyaa adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɔboro so he mmom ɔmmfa nipa baako, Yesu Kristo, so nya daa nkwa.


efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.


Anaa sɛ obisa kosua nso a, ɔde naanantwi bɛma no?


Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite