26 Na Elisabet anyinsɛne mu bosome a ɔtoɔ so nsia he, Nyankopɔn somaa bɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro a bɛfrɛ no Nasaret mu,
Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”
Bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Mene Gabriel, Nyankopɔn somfo a wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa na menka nnoɔma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo.
Na binom nso kaa sɛ, “Kristo he di.” Na binom nso bisaa sɛ, “Kristo he befiri Galilea anaa?”
Yosef nso firii Nasaret a ɔya Galilea kɔɔ Yudea, na esiane sɛ ofiri Dawid fie ne Dawid abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a bɛfrɛ no Betlehem mu
Bɛyɛɛ nea Awurade mmara hwehwɛ nyinaa wieeɛ he, bɛsane kɔɔ bɛ kuro Nasaret a ɔya Galilea mu.