Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Luka 1:17 - Apam Foforɔ

17 Na ɔde Elia honhom ne tumi bedi Awurade anim na wadane agyanom akoma aba bɛ mma so asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie mane he ama Awurade.”

Gade chapit la Kopi




Luka 1:17
38 Referans Kwoze  

na sɛ hobɛgye adi a, ɔno ankasa ne Elia a otwa sɛ ɔba he.


Na wo abɔfra kumaa yi, bɛbɛfrɛ wo Sorosoroni he diyifoɔ, efiri sɛ wobedi Awurade anim akosiesie n’akwane,


Ho ankasa hodi adanseɛ sɛ mekaa sɛ, ‘Ɔnyɛ mene Kristo he, na mmom bɛsomaa me dii n’anim.’


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


berɛ a hode aseda ɔɔma Agya a waama hoafata sɛ honya ahoteefoɔ a bɛya hann he mu agyapadeɛ mu kyɛfa.


Na sɛ bi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ nea bebu, na bɛate ho a, owura he de yɛ bibi a, ɔbɛyɛ yie, na bɛasiesie de ayɔ adwuma pa biaa.


na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a—


Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”


Na meaa maahu na maadi ho adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn Ba he.”


Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ.


na ɔbɛdane Israel mma pii asane aba Awurade bɛ Nyankopɔn nkyɛne.


efiri sɛ na Yohane taa ka kyerɛ no sɛ, “Mmara mma kwane sɛ wobɛware no.”


Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


Na Yohane fira ntoma a bɛde yoma nwii ayɔ a nwoma aboomu bɔ n’asenem, na aduane a odi ne mmɛbɛ ne wuram woɔ.


Yei ne deɛ diyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ, “Nea ɔɔteam serɛ so he dɛ, Siesie Awurade akwane, ma n’atempɔno ntene.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite