Sɛ saa deɛ a, Kristo yɛ apam foforɔ ho ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛafrɛ bɛ he benya daa agyapadeɛ a bɛahyɛ ho bɔ he, efiri sɛ wuo a owuiɛ he agye bɛ afiri apam a odi kane he mmarato ase.
ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he
saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.
Na Yesu deɛ ɔnte sɛ asɔfoɔ mpayimfoɔ a bɛaka he, bɛ deɛ ohia sɛ bɛbɔ afɔreɛ daa, deɛ odi kane, bɛbɔ bɛ a bɛ bɔne ho afɔdeɛ, na afei mane he nso bɔne ho afɔdeɛ; nso ɔno deɛ, ɔbɔɔ afɔreɛ he prɛko pɛ mmerɛ a ɔde ne ho maeɛ he.
Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.
Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.
ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?
efiri sɛ mmerɛ a Mose kaa ahyɛdeɛ biaa ne ahyɛdeɛ ho asɛm kyerɛɛ mane he, sɛdeɛ mmara he teɛ he, ɔfaa nantwie mma ne mmirekyie mogyaa, ne nsuo ne ntoma kɔkɔɔ a sommɛ bɔ ano na ɔde petee nwoma heaa ne mane he nyinaa so,