Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 8:8 - Apam Foforɔ

8 Nyankopɔn nyaa bɛ ho mfomsoɔ mmerɛ a ɔkaa sɛ: “Nɔkwasɛm ne sɛ nna bi ɔɔba, Awurade ne ɔɔka, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 8:8
25 Referans Kwoze  

na ho aba Yesu hɔ, apam foforɔ he ho ntamgyinafoɔ, ne mogyaa a bɛapete a ɔkasa yie kyɛne Habel mogyaa he.


Sɛ saa deɛ a, Kristo yɛ apam foforɔ ho ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛafrɛ bɛ he benya daa agyapadeɛ a bɛahyɛ ho bɔ he, efiri sɛ wuo a owuiɛ he agye bɛ afiri apam a odi kane he mmarato ase.


Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.


Saa ara nso ne adidie he akyi he, ɔfaa kuruwaa he nso; na ɔkaa sɛ, “Kuruwaa yi yɛ Apam foforɔ a ɔnam me mogyaa so he. Honyɔ yei, da biaa a hobɛnom he, homfa nkae me.”


Saa ara nso ne berɛ a bedii anwummerɛduane he wieeɛ he, ɔfaa kuruwa he na ɔdaa ase de maa bɛ kaa sɛ, “Kuruwaa yi ne me mogyaa, apam foforɔ he mogyaa, a ho nti, beehwie agu.


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam foforɔ he mogyaa a nnipa bebree nti beehwie agu.


Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nna bi ɔɔba a hobɛpɛ sɛ hohu Nipa Ba he nna he mu baako nso hoonhu.


na yei ne me mogyaa a ɔyɛ apam he mogyaa a, nnipa bebree nti beehwie agu ama bɔne fakyɛ.


yei ma apam a Yesu adi mu agyinamu yɛ papa kyɛne kane apam he.


Nso Yesu deɛ, waanya asɔfodwuma a ɔkyɛne so koraa, ne saa nti ɔyɛ ntamgyinafoɔ mma apam a ɔkyɛne so he, deɛ ɔnam bɔhyɛ a ɔkyɛne so he so baeɛ he.


Na ɔɔka “apam foforɔ,” bi ho asɛm he, na ɔɔma kane deɛ he atwam. Na deɛ atwam na ɔɔyɛ dadaa he, ɔnkyɛre biaa ɔbɛyera afiri hɔ.


Mmom ɔsɛ sɛ bɛde bobesa mono gu nsa kotokuo foforɔ mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite