Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 8:5 - Apam Foforɔ

5 Saa asɔfoɔ he som kronkronbea a ɔyɛ soro deɛ he nhwɛsoɔ ne ne mfonyini; efiri sɛ berɛ a Mose oobesi ntomadane he, Nyankopɔn hyɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛyɔ bibiaa sɛdeɛ mfonyini a mede kyerɛɛ wo ya mmepɔ he so he teɛ he.”

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 8:5
18 Referans Kwoze  

Yeinom yɛ nea ɔbɛba he ho mfonyini kɛkɛ, na deɛ odi mu he ankasa ne Kristo.


Na esiane sɛ mmara he kura nnoɔma pa a ɔɔba he nsɛsoɔ na mmom onni nnoɔma he ankasa nti, ontumi mfa saa daa daa afɔreɛ a bɛbɔ no afe biaa he so mma bɛ a bɛde bɛ ho to so he nwie pɛyɛ.


Na ɔyɛ mfatoho de ma yɛ nnɛ mmerɛ yi. Saa nhyehyɛeɛ mu he bɛde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ nso mma a ontumi mma deɛ ɔsom he nni mu n’ahonim fam,


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.


“Yɛ nananom nyaa adanseɛ ntomadane he serɛ he so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose berɛ a ɔɔkasa akyerɛ no sɛ ɔnyɔ no sɛ nhwɛsodeɛ a ohuiɛ he.


Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom.


Yɛwɔ afɔrebokyia bi a bɛ a bɛyɔ som adwuma ntomadane he mu he nni ho kwane sɛ bedi so bibi.


Na yeinom akyi he, mehuu sɛ asɔredane a ɔyɛ adanseɛ ntomadane a ɔya soro he abie.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite