Sɛ saa deɛ a, Kristo yɛ apam foforɔ ho ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɛ a bɛafrɛ bɛ he benya daa agyapadeɛ a bɛahyɛ ho bɔ he, efiri sɛ wuo a owuiɛ he agye bɛ afiri apam a odi kane he mmarato ase.
Saa ara nso ne berɛ a bedii anwummerɛduane he wieeɛ he, ɔfaa kuruwa he na ɔdaa ase de maa bɛ kaa sɛ, “Kuruwaa yi ne me mogyaa, apam foforɔ he mogyaa, a ho nti, beehwie agu.
Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.