Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 8:10 - Apam Foforɔ

10 Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 8:10
34 Referans Kwoze  

na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


“Na yei ne m’apam a me ne bɛ bɛpam, berɛ a meyi bɛ bɔne afiri hɔ.”


Nti honto fi ne bɔne nyinaa ngu, na homfa ahobrɛaseɛ nye Nyankopɔn asɛm a bɛadua ne ho mu a obetumi agye ho kra nkwa he.


Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.


Na bɛamfiri aba a ɔporɔ mu, na mmom befiri nea ɔmporɔ mu, ɔne sɛ bɛnam Nyankopɔn asɛm a ɔte ase na ɔbɛtena hɔ he so ne awo bɛ foforɔ.


Ɔnam n’asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ so ne woo yɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔno ankasa ne pɛ bɛba mu, na yɛabɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a odi kane.


‘Meyɛ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn anaa’? Ɔnnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn.”


Na afei, bɛ ani gyinaa mane papa bi, mekyerɛ, soro mane he. Ne saa nti ɔnyɛ Nyankopɔn aniwuo sɛ bɛbɛfrɛ no bɛ Nyankopɔn; nɔkwasɛm ne sɛ, wasiesie kuro bi ama bɛ.


Honnim sɛ deɛ ɔde ne ho abɔ dwamanmɔfoɔ he ne no yɛ baako? Efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ, “Na bɛ mmienu bɛyɛ honam baako.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite