Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 7:6 - Apam Foforɔ

6 Nso saa beema yi a omfiri Lewi abusua he mu he gyee ntotosoɔ du du firii Abraham a ne nsa kaa bɔhyɛ he hɔ; na ohyiraa Abraham.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 7:6
16 Referans Kwoze  

Na bɔ a bɛhyɛɛ no sɛ obedi adeɛ wiase he annyɛ bɔhyɛ a ɔnam mmara so maa Abraham anaa n’asefoɔ na mmom ɔnam gyidie tenee so.


Gyidie nti ne Abraham, mmerɛ a bɛsɔɔ no hwɛeɛ he, ɔde Isak maeɛ. Ɔno a onyaa bɔhyɛ he yɔɔ krado sɛ ɔde ne ba koro he bɛbɔ afɔreɛ,


Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Sorosoro Nyankopɔn sɔfo he, berɛ a Abraham dii ahemfo he so nkunim a ɔɔsane aba he, okohyiaa Abraham hyiraa no;


Na bɛde bɔhyɛ he maa Abraham ne n’aseni; twerɛsɛm he nka sɛ, “Ɔne n’asefoɔ,” te sɛ nea bɛyɛ bebree; na mmom ɔka sɛ, “Ɔne w’aseni,” nti, n’aseni he yɛ nipa baako, na ɔno ne Kristo.


Bɛyɛ Israelfoɔ, na bɛ ne abayɛ, animuonyam, apam, ne mmara he som he, ɔne bɔhyɛ he nyinaa yɛ bɛ dea;


Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’


Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,


Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa kɛseɛ he ne hyira deɛ ɔyɛ kumaa he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite