Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.”
Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.”
Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)
Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
Me deɛ na mennim no, nso nea ɔsomaa me maa mede nsuo bɔɔ asu he ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wobehu sɛ Honhom he abesi ne so he, ɔno ne de Honhom Kronkron bɔ asu he.’
Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.
Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.
Yohane buaa bɛ sɛ, “Me deɛ, mede nsuo ne bɔ ho asu, na nea ɔwɔ tumi sene me ɔɔba a ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane. Ɔno ankasa ne de Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.
na sɛ befiri dwam ba na bɛnnhohoro bɛ ho a, bennidi; na atetesɛm ahodoɔ pii nso ya hɔ a na bedi so, nkuruwaa, nhina ne kɔɔbere mfrafraɛsɛne, ne apono hohoro.)