Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 6:12 - Apam Foforɔ

12 na hoannyɛ nyaa, na mmom hoasua bɛ a bɛnam gyidie ne aboterɛ so nyaa bɔhyɛ he.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 6:12
36 Referans Kwoze  

Honkae ho mpayimfoɔ, bɛ a bɛkaa Nyankopɔn asɛm he kyerɛɛ ho; honhwɛ sɛdeɛ bɛ abrabɔ wieeɛ, na honsua bɛ gyidie.


efiri sɛ ho hia boasetɔ, sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ hoyɔ deɛ Nyankopɔn pɛ wie a, ho nsa bɛka deɛ wahyɛ ho bɔ he.


Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.


Honnyɛ mmɔdenmmɔ ho nyaa, honyɛ hye honhom mu, honsom Awurade!


Yɛwɔ nsɛm pii ka fa yei ho, nso ɔnam sɛ ho yɛ nyaa nteaseɛ mu nti ɔdene ma yɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu.


Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.


efiri sɛ honim sɛ, ho gyidie he sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.


Saa nti yɛ nso, esiane sɛ adansefoɔ bebree atwa yɛ ho ahyia yi, homma yɛnto adesoa ne bɔne biaa a ɔkyekyere yɛ na ɔtwe yɛ he ngu, na yɛmfa animia ntu akansie a ɔda yɛ anim he mu mmirika,


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


saa ara nso ne ɔyɛ agya ma twetiafoɔ a, ɔnyɛ bɛ twetiatwa nkoaa, na mmom bɛnam yɛ agya Abraham a onyaa gyidie ansa na betwaa no twetia he anammɔno mu.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Biaa a ɔsɛ sɛ bɛkye no he, bɛbɛkye no. Biaa a ɔsɛ sɛ beku no nkrantɛ ano he, bebeku no. Yei mu ne ahoteefoɔ boasetɔ ne gyidie ho hia.


yeinom ne nam gyidie so dii ahennie so nkunim, hwɛɛ sɛ atɛntenenee bɛyɔ adwuma, bɛ nsa kaa bɔhyɛ, mmua gyata ano,


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


Esiane boasetɔ ne gyidie a hoda no adi taa ne ahohia a hohyia nyinaa mu nti, ɔma yɛ ankasa yɛhoahoa yɛ ho ma ho Nyankopɔn asafo mu.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


‘Meyɛ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn anaa’? Ɔnnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn.”


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Na berɛ bi akyi he, hiani he wuiɛ na abɔfoɔ faa no kɔɔ Abraham kokom. “Defoɔ he nso wuiɛ ma besiee no.


Nso ne wura he buaa sɛ, ‘Wo akoa bɔne ne anihafoɔ! Wonnim sɛ metwa baabi a mennguiɛ, na meboaboa ano baabi a memmfa mmpeteɛ?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite