Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 5:1 - Apam Foforɔ

1 Na sɔfopanyini biaa a beyi no firi nnipa mu he, bɛhyɛ no sɔfo ma ɔyɔ Nyankopɔn som adwuma ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ ama.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 5:1
17 Referans Kwoze  

Na bɛ de sɔfo panyini biaa si hɔ sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ mmra afɔrebokyia so; ne saa nti ohia sɛ ɔno nso nya bibi bɔ afɔreɛ.


Na sɔfo biaa gyina hɔ sɛ ɔyɔ ne som adwuma da biaa, na ɔtaa bɔ afɔreɛ korɔ heaa a ontumi nyi bɔne hɔ.


Gyidie ne Habel de bɔɔ afɔreɛ maa Nyankopɔn a na ɔsɔ ani kyɛnee Kain deɛ he. Ɔnam yei so maa bebuu Habel sɛ ɔtene, na Nyankopɔn dii n’afɔreɛ he ho adanseɛ. Ɔyam sɛ Habel awu deɛ, nso ɔnam ne gyidie he so da so kasa kyerɛ yɛ.


Na ɔyɛ mfatoho de ma yɛ nnɛ mmerɛ yi. Saa nhyehyɛeɛ mu he bɛde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ nso mma a ontumi mma deɛ ɔsom he nni mu n’ahonim fam,


Na Yesu deɛ ɔnte sɛ asɔfoɔ mpayimfoɔ a bɛaka he, bɛ deɛ ohia sɛ bɛbɔ afɔreɛ daa, deɛ odi kane, bɛbɔ bɛ a bɛ bɔne ho afɔdeɛ, na afei mane he nso bɔne ho afɔdeɛ; nso ɔno deɛ, ɔbɔɔ afɔreɛ he prɛko pɛ mmerɛ a ɔde ne ho maeɛ he.


Nti na ɔsɛ sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne sɔfo panyini trodoo, Nyankopɔn fam nnoɔma mu, na wayɛ mane he bɔne ho mpatadeɛ.


Kristo Yesu mu deɛ, metumi hoahoa me ho Nyankopɔn adwuma a meyɔ ho.


Na me deɛ, deɛ ohia pa ara a me nsa kaeɛ a mede hyɛɛ ho nsa: ɔno ne sɛ yɛ bɔne nti ne Kristo wuiɛ, sɛdeɛ twerɛm he ka he


Na afei, sɛ nka ɔya asaase yi so a, nka ɔnyɛ sɔfo koraa, esiane sɛ asɔfoɔ bebree ya hɔ daa a bɛbɔ afɔreɛ sɛnea mmara he ka he.


Nso mmerɛ a Kristo bɔɔ afɔreɛ baako maa bɔne afebɔɔ he, “ɔtenaa Nyankopɔn nifa so,”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite