Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 3:7 - Apam Foforɔ

7 Nti sɛnea Honhom Kronkron ka he, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a,

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 3:7
27 Referans Kwoze  

Sɛdeɛ bɛkaa sɛ, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, hommpirim ho akoma sɛ berɛ a bɛhyɛɛ me abufuo he.”


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


ɔsane hyɛɛ da foforɔ berɛ a ɔkaa berɛ tentenntene akyi ya David dwom mu sɛ, “Nnɛ”, he; sɛnea bɛaka dada sɛ, “Nnɛ, sɛ hote ne nne a, hommpirim ho akoma.”


Me nnwane te me nne. Menim bɛ, na bedi m’akyi.


Nso hontutu ho ho fo, da biaa a bɛ bɔ dini sɛ “Nnɛ,” na bɔne a ɔyɛ nnaadaa biaa amma ho mu na amma biaa ampirim n’akoma.


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Pono ano nwɛmfoɔ he bie no, na nnwane he tie ne nne. Na ɔbɔ ne nnwane he dini frɛ bɛ, na ɔde bɛ firi adi.


“Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, berɛ he ɔɔba, na anya aduru, sɛ awufoɔ bɛte Nyankopɔn Ba he nne, na bɛ a bebetie no he benya nkwa.


Mewɔ nnwane foforɔ a bemfiri bane yi mu. Ɔsɛ sɛ mede bɛ nso ba na bebetie me nne, na ayɛ kuo baako a ɔwɔ hwɛfoɔ baako.


efiri sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a ofiri nipa nyansa mu ne baeɛ, na mmom Honhom Kronkron he ne nam nnipa he so kaa asɛm a ofiri Nyankopɔn nkyɛne.


Nti Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ mmerɛ tentene a na ntomadane a odi kane he da so si hɔ he, na bennya nyii kwane a ɔkɔ kronkronbea he adi.


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a mmɛ nti ne Dawid nam Honhom he so frɛ no Awurade, berɛ a ɔkaa sɛ,


Na osiane sɛ na bɛ adwene nhyia nti, befirii aseɛ sɛ bɛɛkɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ, “Honhom Kronkron faa diyifoɔ Yesaia so kaa no yei kyerɛɛ ho nananom sɛ:


Dawid heaa nam Honhom Kronkron so paem kaa sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, “Tena me nsa nifa so, kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase.” ’


“Anuanom, otwa sɛ twerɛsɛm a Honhom Kronkron nam Dawid so ka faa Yuda a ɔkyerɛɛ bɛ a bɛkyee Yesu he kwane maa bɛkyee no he ba mu.


Nti Honhom he ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛne teaseɛnam yi.”


Na Honhom Kronkron so di adanseɛ Twerɛsɛm he mu sɛ,


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite