Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 3:5 - Apam Foforɔ

5 Na Mose deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ somfo, na odii adanseɛ faa nsɛm a Nyankopɔn bɛka no akyire he ho.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 3:5
35 Referans Kwoze  

Odii nɔkorɛ maa deɛ ɔfrɛɛ no he, sɛdeɛ Mose nso “dii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa mu he.”


Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.


Saa asɔfoɔ he som kronkronbea a ɔyɛ soro deɛ he nhwɛsoɔ ne ne mfonyini; efiri sɛ berɛ a Mose oobesi ntomadane he, Nyankopɔn hyɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛyɔ bibiaa sɛdeɛ mfonyini a mede kyerɛɛ wo ya mmepɔ he so he teɛ he.”


Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,


Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.


Na afei, bɛakwati mmara he ayi Nyankopɔn tenenee adi, na mmara he ne adiyifoɔ he di ho adanseɛ,


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”


Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu.


Afei nso, ɔsɛ fiehwɛfoɔ sɛ behu no sɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ.


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


Na Awurade buaa sɛ, Hwane koraa ne fiepanyini nɔkwafoɔ ne badwemma a ne wura de no bedi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma bɛ bɛ aduane berɛ a ɔsɛ mu?


Ne wura he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo ne yɔ, akoa pa ne nɔkwafoɔ; woadi kakra yi ho nɔkorɛ, mede nnoɔma bebree bɛhyɛ wo nsa; nya wo wura anigye he bi.’


“Afei, hwane ne akoa nɔkwafoɔ ne nyansafoɔ a, ne wura de no asi ne fie so, sɛ ɔma nkoa a bɛhyɛ n’ase aduane ne berɛ mu?


Tete mmerɛ mu he, Nyankopɔn nam mmerɛ ahodoɔ ne akwane ahodoɔ so faa adiyifoɔ he so kasa kyerɛɛ yɛ nananom,


(Efiri sɛ, fie biaa, nipa ne si, na deɛ ɔyɔ ade nyinaa ne Nyankopɔn).


Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite