Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 11:7 - Apam Foforɔ

7 Gyidie so ne Noah, mmerɛ a Nyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ faa nnoɔma a obesi ho he, ɔde anidie gyee kɔkɔbɔ he too mu na ɔyɔɔ adaka de gyee ne fiefoɔ nkwa; Noah nam saa so buu wiase fɔ, na ɔnam ne gyidie so bɛyɛɛ tenenee adedifoɔ.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 11:7
41 Referans Kwoze  

a tete he bɛyɛɛ asoɔdenfoɔ, berɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a bɛɛyɔ adaka he mu. Yei mu ne akra kakraa bi a bɛyɛ nwɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


Na bɔ a bɛhyɛɛ no sɛ obedi adeɛ wiase he annyɛ bɔhyɛ a ɔnam mmara so maa Abraham anaa n’asefoɔ na mmom ɔnam gyidie tenee so.


Bio nso, sɛnea ɔyɛɛ Noa nna he mu he, saa ne ɔbɛyɛ nipa Ba he nna he nso mu.


na bɛahu me ya ne mu, a menni meaa me tenenee a ofiri mmara he mu na deɛ ofiri Kristo mu gyidie mu, Nyankopɔn tenenee a ogyina gyidie so.


Na yɛ deɛ, yɛnam Honhom he so ɔɔtwɛne tenenee anidasoɔ a ogyina gyidie so he dendenndene.


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


Nyankopɔn tenenee a ɔnam Yesu Kristo mu gyidie so ma bɛ a bɛgye di nyinaa. Na nyiyimu nnim,


Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”


Nso ohuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ sɛ bɛɛba abɛbɔ asu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nankatia mma! Hwane ne bɔɔ ho kɔkɔ sɛ honnwane mfiri abufuo a ɔɔba he ho?


na bɛde nsuhyiri nso ne sɛee kane wiase he.


Na sɛ Nyankopɔn amma kane wiase he amfa ne ho anni, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa nson a bɛka ne ho ne ɔgyee bɛ, na ɔde nsuhyiri bɛkataa amumuyɔfoɔ wiase he so;


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Na afei, gyidie ne nnoɔma a yɛ ani da so ho awerɛhyemu a osi pi, ne nnoɔma a yenhu ho adansegyeɛ.


Nso tenenee a ofiri gyidie mu he dɛ, “Nka no w’akomam sɛ, Hwane ne bɛforo akɔ soro?” (Ɔne sɛ, ɔde Kristo bɛba fam),


Onyaa twetiatwa he ho nsɛnkyerɛnne sɛ tenenee a ɔnam gyidie so nyaeɛ he ho nsɔano berɛ a na bentwaa no twetia. Nyankopɔn yɔɔ yei nam so ama Abraham abɛyɛ bɛ a bentwaa bɛ twetia, na nso bɛgye Nyankopɔn di he nyinaa agya, na ne saa nti bɛabu bɛ nso sɛ ateneneefoɔ,


Saa mmerɛ he, ansa na nsuhyiri he ɔɔba he, nnipa didiiɛ, na bɛnomeeɛ, mmeema wareeɛ na bɛde maa maa awareɛ, kosii sɛ Noa wuraa adaka he mu.


Honhyɛ no nso sɛ maaka akyerɛ ho dada.


Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu;


“Nti sɛ hohu sɛ akyiwadeɛ a ɔbɔ mane he gyina kronkronbea hɔ a, sɛdeɛ diyifoɔ Daniel kaeɛ he a (otwa sɛ deɛ ɔkenkane he te aseɛ),


Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom.


Saa asɔfoɔ he som kronkronbea a ɔyɛ soro deɛ he nhwɛsoɔ ne ne mfonyini; efiri sɛ berɛ a Mose oobesi ntomadane he, Nyankopɔn hyɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛyɔ bibiaa sɛdeɛ mfonyini a mede kyerɛɛ wo ya mmepɔ he so he teɛ he.”


Honhwɛ yie na hoampo deɛ ɔɔkasa he; na sɛ bɛ a bɛpoo kɔkɔbɔ a bɛte firii asaase yi so he antumi annwane a, ɔbɛyɛ dɛ ne yɛ a yɛate kɔkɔbɔ a ofiri soro he betumi adwane?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite