Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Hebrifoɔ 11:6 - Apam Foforɔ

6 Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.

Gade chapit la Kopi




Hebrifoɔ 11:6
47 Referans Kwoze  

Nso honni kane nhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee, na ɔde yeinom nyinaa nso bɛka ho ho.


Na mmom honhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na bɛde yeinom nyinaa bɛka ho ho.


Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.


Nso ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi abɔ nea ɔnnye no nni dini? Na ɔbɛyɛ dɛ na bi agye nea ɔntee ne ho asɛm adi? Na sɛ bi anka Awurade ho asɛm ankyerɛ bɛ a bɛbɛyɛdɛ ate?


Anuanom, honhwɛ yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bɔne ne annyeannie akoma ɔntwe ho mfiri teasefoɔ Nyankopɔn he nkyɛne.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Ne saa nti, hommɔ mmɔdene mfa nneyɔeɛ a ho te nka ho gyidie ho; na homfa nimdeɛ nka nneyɔeɛ pa ho;


Afei esiane sɛ ɔda so abie kwane ama binom sɛ bennya n’ahomegyeɛ mu kyɛfa na nso asoɔdene amma bɛ a bedii kane nyaa asɛmpa he bɛannya n’ahomegyeɛ mu kyɛfa nti,


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.


Meka kyerɛɛ ho sɛ hobewu ho bɔne mu, na sɛ hoannye anni sɛ mene no a, hobewu ho bɔne mu.”


Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.


(efiri sɛ mmara he amma bibiaa anwie pɛyɛ); na mmom, anidasoɔ a ɔyɛ kyɛne yei so na yɛnam bɛne Nyankopɔn.


na bɛaka asɛmpa he akyerɛ yɛ sɛnea bɛka kyerɛɛ bɛ heaa; nso bɛannya mfasoɔ asɛm a bɛka kyerɛɛ bɛ he mu, efiri sɛ bɛ a bɛteeɛ he amfa gyidie annye.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.


Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


Ampa, Agya, saa ne sɔ w’ani.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite